Psalms 47

Koramma dwom.


1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;
momfa anigye nteɛ mu mfrɛ Onyankopɔn.

2 Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwonwa,
Ɔyɛ Ɔhene kɛse wɔ asase nyinaa so!

3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,
na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn anan ase.

4 Oyii yɛn agyapade maa yɛn,
nea ɛyɛ Yakob a ɔdɔ no no ahohoahoade.


5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigye nteɛteɛmu mu,
Awurade wɔ torobɛnto nnyigyei mu.

6 To ayeyi nnwom ma Onyankopɔn, to ayeyi nnwom;
to ayeyi nnwom ma yɛn Hene, to ayeyi nnwom.


7 Efisɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Hene.
Monto ahurusi nnwom mma no.

8 Onyankopɔn di hene wɔ amanaman no so;
Onyankopɔn te nʼahengua kronkron so.

9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano
sɛ Abraham Nyankopɔn nkurɔfo,
efisɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn de;
na wɔma no so kɛse.
Copyright information for TwiAKNA